1 Corinthians 8

Nnuan a wɔde ma ahoni

1Asɛm a ɛfa nnuan a wɔde ma ahoni ho nso ni: Ɛyɛ nokware pefee sɛ nea wɔka no se, “Yɛn nyinaa wɔ nimdeɛ.” Saa nimdeɛ no ma onipa yɛ ahantan; nanso ɔdɔ ma nkɔso.

2Onipa a ogye ne ho di sɛ onim biribi no nnim sɛnea anka ɛsɛ sɛ ohu. 3Nanso onipa a ɔdɔ Onyankopɔn no, Onyankopɔn nim no.

4Enti nnuan a wɔde ma ahoni a wodi no, yenim sɛ ohoni wɔ hɔ ma biribi a ɛnte ase. Yenim sɛ Onyankopɔn baako pɛ na ɔwɔ hɔ. 5Na sɛ “anyame” no te ase a, sɛ wɔwɔ soro anaa asase so sɛnea “anyame” ne “awuranom” wɔ hɔ no, 6Onyankopɔn baako pɛ na ɔwɔ hɔ ma yɛn a ɔyɛ Agya a ɔbɔɔ ade nyinaa a yɛte ase ma no no; na Awurade Yesu Kristo baako pɛ a wɔnam no so bɔɔ ade nyinaa a yɛte ase ma no no na ɔwɔ hɔ.

7Nanso ɛnyɛ obiara na onim saa nokwasɛm yi. Nnipa bi de wɔn ho ama ahoni no ara kosi sɛ, sɛ wodi saa nnuan no a, wonim pefee sɛ ohoni aduan na wɔredi. Wɔyɛ adwenem mmerɛwfo na wogye di nso sɛ aduan no gu wɔn ho fi. 8Aduan rentumi nsiesie yɛne Onyankopɔn ntam. Sɛ yɛannidi a, yɛnhwere hwee, ɛnna sɛ yedidi nso a, yennya hwee. 9Monhwɛ yiye na moamma mo ahofadi no antwetwe wɔn a wɔyɛ mmerɛw wɔ gyidi mu no ankɔ bɔne mu.

10Sɛ ɛba sɛ obi a ɔyɛ adwenem mmerɛwfo wɔ saa asɛm yi mu hu sɛ wo a wowɔ “nimdeɛ” redidi wɔ ohoni dan mu a, ɛrenhyɛ no nkuran mma ɔno nso nkodi aduan a wɔde ama ahoni no bi anaa? 11Enti saa onipa a ɔyɛ mmerɛw yi a ɔyɛ wo nua a Kristo wu maa no yi, esiane wo “nimdeɛ” nti ɔbɛyera! 12Na ɛnam saa kwan yi so bɛma woayɛ bɔne atia wo nuanom ma saa bɔne no atia Kristo nso sɛ wonam wɔn adwenem mmerɛw so adaadaa wɔn. 13Enti sɛ aduan ma me nua yɛ bɔne a, merenwe nam bio sɛnea ɛbɛyɛ a ɛremma me nua nkɔ bɔne mu.

Copyright information for TwiNAK